John 20

Yesu Wusɔre

1Kwasida anɔpahema na Maria Magdalene sɔre kɔɔ ɔda no so kohuu sɛ obi apirew ɔbo no afi ɔboda no ano. 2Ohuu saa no ɔde ahoɔhare kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afi ɔda no mu na minnim faako a wɔde no akɔto!”

3Petro ne saa osuani yi tee asɛm no, wotuu mmirika kɔɔ ɔda no so. 4Nanso saa osuani yi maa ne mmirika mu yɛɛ den twaa Petro ho koduu hɔ kan. 5Oduu ɔboda no ano no, wanwura mu. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no gu hɔ. 6Simon Petro de, obeduu hɔ no, owuraa ɔboda no mu. Ohuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ egu hɔ, 7a dukuu a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi. 8Afei osuani a oduu ɔboda no ho kan no nso wuraa mu huu saa nneɛma no ma ogye dii. 9Saa bere no nyinaa na asuafo baanu yi nnya ntee nea Kyerɛwsɛm aka afa Yesu wusɔre ho no ase. 10Afei asuafo no fii hɔ kɔɔ fie.

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Maria Magdalene

11Nanso Maria de, na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ogu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu, 12na ohuu ɔsoro abɔfo baanu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ɔbaako te atifi na ɔbaako nso te anafo wɔ faako a na Yesu amu no da no.

13Wobisaa no se, “Ɔbea, adɛn na woresu sɛɛ yi?”

Maria de awerɛhow buae se, “Nnipa bi abɛfa mʼAwurade na minnim faako a wɔde no akɔto.”
14Afei otwaa nʼani hwɛɛ nʼakyi na ohuu sɛ obi gyina hɔ a ɛyɛ Yesu, nanso na onnim sɛ ɛyɛ ɔno.

15Yesu bisaa no se, “Ɔbea, adɛn nti na woresu sɛɛ yi? Hena na worehwehwɛ no?”

Na Maria de, osusuw sɛ ɛyɛ turo mu hɔ hwɛfo nti obisaa no se, “Owura, sɛ wo na wofaa no fii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.”

16Yesu frɛɛ no se, “Maria!”

Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ogyee so wɔ Hebri kasa mu se, “Rabuni!” (a ase ne “Kyerɛkyerɛfo”).

17Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nso me mu, efisɛ minnya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn ɛ; kɔka kyerɛ mʼasuafo no se, meresan akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Nyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Nyankopɔn no nkyɛn.”

18Maria Magdalene fii hɔ kɔbɔɔ asuafo no amanneɛ se wahu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Nʼasuafo

19Saa da no ara anwummere a na esiane Yudafo mpanyin no ho hu nti, asuafo no ato wɔn ho pon mu no, Yesu baa ɔdan no mu hɔ kyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo.” 20Okyiaa wɔn wiei no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Asuafo no huu Awurade no, wɔn ani gyei yiye.

21Yesu san kyiaa wɔn bio se, “Asomdwoe nka mo!” Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.” 22Ɔhome guu wɔn so kae se, “Honhom Kronkron no mmra mo so. 23Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.”

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Toma

24Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafo no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no nni hɔ bi. 25Bere a asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Wɔahu Awurade no!”

Wannye anni ma ɔkae se, “Sɛ manhu ne nsam ne ne mfem twa no na mamfa me nsa anka a, merennye nni da.”

26Asuafo no san hyiae wɔ nnaawɔtwe akyi a na Toma ka wɔn ho. Ɛwɔ mu sɛ na wɔatoto apon no mu de, nanso Yesu san baa hɔ, kyiaa wɔn bio se, “Asomdwoe nka mo!” 27Afei Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no se, “Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnye bio. Gye di!”

28Toma de ahonu kae se, “Wo ne mʼAwurade ne me Nyankopɔn!”

29Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woahu me no nti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wonhuu me nanso wogye di.”

30Yesu yɛɛ anwonwade ahorow bebree kyerɛɛ nʼasuafo no a wɔankyerɛw wɔ saa nhoma yi mu. 31Nanso biribiara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no, wɔakyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mugye no di a, mubenya nkwa.
Copyright information for TwiAKNA